Ɛsra 2
AKA1 Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. 2 Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni: 3 Dodow a wɔyɛParos asefo2,172 4 Sefatia asefo372 5 Arah asefo775 6 Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo)2,812 7 Elam asefo1,254 8 Satu asefo945 9 Sakai asefo dodow yɛ760 10 Bani asefo dodow yɛ642 11 Bebai asefo dodow yɛ623 12 Asgad asefo dodow yɛ1,222 13 Adonikam asefo dodow yɛ666 14 Bigwai asefo dodow yɛ2,056 15 Adin asefo dodow yɛ454 16 Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ98 17 Besai asefo dodow yɛ323 18 Yora asefo dodow yɛ112 19 Hasum asefo dodow yɛ223 20 Gibar asefo dodow yɛ95 21 Betlehemfo dodow yɛ123 22 Netofafo dodow yɛ56 23 Anatotfo dodow yɛ128 24 Asmawetfo dodow yɛ42 25 Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ743 26 Ramafo ne Gebafo dodow yɛ621 27 Mikmasfo dodow yɛ122 28 Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ223 29 Nebo ɔmanmma dodow yɛ52 30 Magbis ɔman dodow yɛ156 31 Elam ɔmanmma dodow yɛ1,254 32 Harim ɔmanmma dodow yɛ320 33 Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ725 34 Yeriko ɔmanmma dodow yɛ345 35 Senaa ɔmanmma dodow yɛ3,630 36 Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae: Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow yɛ973 37 Imer asefo dodow yɛ1,052 38 Pashur asefo dodow yɛ1,247 39 Harim asefo dodow yɛ1,017 40 Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ74 41 Nnwontofo: Asaf asefo mu nnwontofo dodow yɛ128 42 Aponanohwɛfo: Salum, Ater, Talmon asefoAkub, Hatita ne Sobai asefo139 43 Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae: Siha, Hasufa, Tabaot, 44 Keros, Siaha, Padon, 45 Lebana, Hagaba, Akub, 46 Hagab, Samlai, Hanan, 47 Gidel, Gahar, Reaia, 48 Resin, Nekoda, Gasam, 49 Usa, Paseah, Besai, 50 Asna, Meunim, Nefisi, 51 Bakbuk, Hakufa, Harhur, 52 Baslut, Mehida, Harsa, 53 Barkos, Sisera, Tema, 54 Nesia ne Hatifa. 55 Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae: Sotai, Hasoferet, Peruda, 56 Yaala, Darkon, Gidel, 57 Sefatia, Hatil,Pokeret-Hasebaim ne Ami. 58 Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ362 59 Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo. Saa nnipakuw yi ne: 60 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ652 61 Asɔfo mmusua abiɛsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.) 62 Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. 63 Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade. 64 Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), 65 a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) nka ho, ne nnwontofo ahannu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmea. 66 Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia (736), mfurum ahannu aduanan anum (245), 67 yoma ahannan aduasa anum (435) ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔe. 68 Bere a woduu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ. 69 Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako (61,000), dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum (600,250) na asɔfotade ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfo. 70 Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.
