Menu

Nnwom 54

AKA

1 Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi bu me bem. 2 Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ; tie mʼanom nsɛm. 3 Ahɔho retow ahyɛ me so. Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee. 4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo; Awurade ne me hwɛfo. 5 Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so; wo nokwaredi mu, sɛe wɔn. 6 Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo; Awurade, meyi wo din ayɛ, efisɛ eye. 7 Woagye me afi me haw nyinaa mu, na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.

Everything we make is available for free because of a generous community of supporters.

Donate