Menu

Nnwom 3

ASA

1 Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa! Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me! 2 Bebree no ara ka fa me ho sɛ, “Onyankopɔn rennye no”. 3 Nanso, Ao Awurade, woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyia wohyɛ me animuonyam na wopagya me ti. 4 Meteam su frɛ Awurade, na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so. 5 Metɔ hɔ na meda a, menyane bio, ɛfiri sɛ Awurade kora me so. 6 Merensuro atamfoɔ mpem mpem a wɔatwa me ho ahyia no. 7 Sɔre, Ao Awurade! Gye me, Ao me Onyankopɔn! Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan; na tutu amumuyɛfoɔ se. 8 Awurade hɔ na ɔgyeɛ firi ba. Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto wɔ sankuhoma so.

Everything we make is available for free because of a generous community of supporters.

Donate