Menu

Nnwom 54

ASA

1 Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi di mʼasɛm ma me. 2 Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ; tie mʼanom nsɛm. 3 Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so. Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee. 4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ; Awurade ne me hwɛfoɔ. 5 Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so; wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn. 6 Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo; Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ ɛyɛ. 7 Woagye me afiri me haw nyinaa mu, na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.

Everything we make is available for free because of a generous community of supporters.

Donate